Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #756

Hymn 756 NG6 Nyame W'akwan Dɔɔso

[V1]
Nyame, W'akwan dɔɔso,
‘Dasani biara nhu mu yie,
Nyame, Wo nnwuma yε hu,
Ɛhia gyidi nko;
Ɛyε den ma ɔdasani,
Sε ɔbεhu W'akwan nyinaa mu;
Agya, nea mesrε Wo ne sε,
Ma mennɔ Wo nkutoo.

**Nnyeso**
Hena na ɔte sε Wo (Nyame)?
Hena na ɔte sε Wo (Nyame)?
Wo na Woka na Woyε,
Obiara nte sε Wo.

[V2]

Ɔs'ro ka W'anuonyam,
Na ewim ky'rε Wo nsa~ano adwuma
Wiase nyinaa wɔ Wo,
Ɛyε Wo nko de.
Hena na ɔne Wo p're adeε?
Hena na ɔne Wo di asie?
Ɛyε Wo Nyame nkutoo dea,
Ɛyε Wo de daa daa.

[V3]

Obi nkyεm Wo Nyame,
Hena na ɔnsuro Wo tumidi?
Aman nyinaa bɔ b'rim,
Sε wɔte Wo nne a;
Wo nne ma nifrafo hu ade.
Mpakye mpo tumi nante
Ɛnam Wo tumi kεse nti
Hena na ɔnsuro Wo?

[V4]

Yɔtee Wo nne akyε,
Yɔtee bi wε Sinai bepɔ so;
Suro nti yεantumi Ne Wo ankasa ankyε;
Wo nne maa agyanom ho popoe
Nketenkete kitaa wɔn Sε yεansuro
Wo nne yi a Yεn ho bεpo daakye.

756. NG6 Nyame W'akwan Dɔɔso

Link copied to clipboard successfully!