Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #755
Hymn 755 NG5 Gya Me Kwan Dwoo
[V1]
Me b're so' a ma me nkεda komm,
Na mentwεm Wo bɔ hyε no;
Sε m'abrabɔ nyinaa to twa a
Aw'rade, gya me kwan dwoo.
**Nnyeso**
Gya me kwan dwoo, gya me kwan dwoo,
Me b'rε so a gya me kwan
Yi me f'ri yaredahɔ mu
B'rε so' a ma me nkɔda komm.
Me b're so' a ma me nkεda komm,
Na mentwεm Wo bɔ hyε no;
Sε m'abrabɔ nyinaa to twa a
Aw'rade, gya me kwan dwoo.
**Nnyeso**
Gya me kwan dwoo, gya me kwan dwoo,
Me b'rε so a gya me kwan
Yi me f'ri yaredahɔ mu
B'rε so' a ma me nkɔda komm.
[V2]
Me b'rε so' a ma menkɔda komm
Nyame' aWonim m'awieeε,
Wo nko na Wonim me nkwa nna
‘Fisε me kwan hyε Wo nsa.
Me b'rε so' a ma menkɔda komm
Nyame' aWonim m'awieeε,
Wo nko na Wonim me nkwa nna
‘Fisε me kwan hyε Wo nsa.
[V3]
M'awoda yε bɔne ma me,
Ayε sum ne aw'rεho,
Wiase asetena afon' me,
Nanso me hwε Wo ara.
M'awoda yε bɔne ma me,
Ayε sum ne aw'rεho,
Wiase asetena afon' me,
Nanso me hwε Wo ara.
[V4]
Ɔbrεguo deε, ma εmpare me,
Kora me anidaso mu,
Adekyeeε fεfε no mu
Nyan me W'anuonyam mu bi.
Ɔbrεguo deε, ma εmpare me,
Kora me anidaso mu,
Adekyeeε fεfε no mu
Nyan me W'anuonyam mu bi.