Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #754

Hymn 754 NG4 Soε Me

[V1]
Kanaan kwan so fa yε den,
Akwanside pii wɔ mu;
Adesoa biara ma ‘hok'rε,
Enti soεm' adesoa yi.

**Nnyeso**
Soε me Agyenkwa soε me
(Bɔne adsoam' yε d'ru)
Bɔne adesoa bi so me
Mεyε dεn mafa kwan yi so.

[V2]

Honam nnwuma mu yε d'ru,
‘Hoɔyaa, ‘bufu ne ɔtan;
Nea ‘ka ho nyinaa ara so me,
Dom me soεm' adesua yi.

[V3]

‘Werεhosεm bi nto ‘yi,
Wobεka sε Wonni me;
‘Fisε me nnwuma wɔ nnipa anim,
Na metɔ sin honhom mu.

[V4]

Menni kwati kwan biara a,
Mede bεba Wo nkyεn hɔ;
Gye sε mefa kwan hiaa yi so,
Nanso gye sε Wodom me.

754. NG4 Soε Me

Link copied to clipboard successfully!