Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #753
Hymn 753 NG3 B're Bεn Na Ade Bεkye
[V1]
Menim sε da bi ade bεkye,
‘Fisε ‘sum nni Nyame mma so tumi;
Yehowa no ara pε mu na,
‘Sum Duru Ne mma'
Nanso εyε b're tiaa mu Adesua kεse.
**Nnyeso**
B're bεn na ‘de bεkye
‘Sum akyi na ‘de bεkye
Sε ‘sum duru yεn twam
Na mununkum si a
Yεnim sε hann wɔ
Mununkum akyi.
Menim sε da bi ade bεkye,
‘Fisε ‘sum nni Nyame mma so tumi;
Yehowa no ara pε mu na,
‘Sum Duru Ne mma'
Nanso εyε b're tiaa mu Adesua kεse.
**Nnyeso**
B're bεn na ‘de bεkye
‘Sum akyi na ‘de bεkye
Sε ‘sum duru yεn twam
Na mununkum si a
Yεnim sε hann wɔ
Mununkum akyi.
[V2]
‘Sum mu honam aniwa nhu hwee,
Nanso gyidi aniwa hu Nyame yie;
Ne hann no yi Ne ho adi,
‘Sum kεse biara mu;
Ma Ne mma a wɔtie No
Yε N'apεde nyinaa.
‘Sum mu honam aniwa nhu hwee,
Nanso gyidi aniwa hu Nyame yie;
Ne hann no yi Ne ho adi,
‘Sum kεse biara mu;
Ma Ne mma a wɔtie No
Yε N'apεde nyinaa.
[V3]
Yehowa, ma me gyidi aniwa,
Ma menhu Wo ‘sum kεse b're mu mpo;
Ma me honhom a mεtumi
De atwεn Wo nkwagye;
De atwεn Wo nkwagye;
Na manya Wo hɔ ade Pa b're pa mu.
Yehowa, ma me gyidi aniwa,
Ma menhu Wo ‘sum kεse b're mu mpo;
Ma me honhom a mεtumi
De atwεn Wo nkwagye;
De atwεn Wo nkwagye;
Na manya Wo hɔ ade Pa b're pa mu.