Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #752

Hymn 752 NG2 Ɔkwadwofo

[V1]
Ɔkwadwofo, kɔ tεtea nkyεn, hwε n'akwan,
Hu nyansa, ɔno, ɔnni panin ne ɔhwεfo;
Nanso osiesie n'aduan' ahuhub'rem,
Ɔboaboa n'aduane ano twabere mu,
Wobεda akɔsi da bεn, ɔkwadwofo?

[V2]

Ɛnnε yε n-kwagye b're ma wo, ‘kwadwofo,
Yε ntεm bεka yεn ho ma yεnyε ‘dwuma no;
Ɛnnε ne ɔdom ne nkwagye b're,
Sɔre, na Agyenkwa Yesu refrε wo
Wobεda akosi da bεn, ɔkwadwofo?

[V3]

Abɔfo kronkron no rehwε nea woreyε,
Ɛyε hu ma wo sε wobεsεe (wo) bere kwa;
Siesie wo ho na b're bi di w'anim reba.
Ɛbεyε b're pa ama onipa sifo;
Ɔdom ne nhyira bεka ‘kyi ana ‘kwadwofo.

[V4]

Hwε, sεnea b're retwam kɔ hyewhyew, kwadwofo,
Dεn nti na woda so twεn, ɔkwadwofo;
B're nni wɔ wo, na woahoahoa wo ho,
Wo b're ara ni, fa hyε Nyame anuonyam,
Wobεda akosi da bεn, ɔkwadwofo?

752. NG2 Ɔkwadwofo

Link copied to clipboard successfully!