Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #751
Hymn 751 NG1 Yafun Mu Aba Ni
[V1]
Yafun mu aba ni,
Woyi no Wo tumi so,
Tumi bi ne Wo de nsε,
Onyame, W'akwan yε hu.
Yafun mu aba ni,
Woyi no Wo tumi so,
Tumi bi ne Wo de nsε,
Onyame, W'akwan yε hu.
[V2]
Abofra ketewa yi,
Wode na ama yεn nnε,
Fa ne koma yε Wo de,
Ma onyin mmεyε Wo de.
Abofra ketewa yi,
Wode na ama yεn nnε,
Fa ne koma yε Wo de,
Ma onyin mmεyε Wo de.
[V3]
Fa no sie sε nhwiren,
Na ompue ne bere mu,
Fa no so yi Wo tumi,
Ne W'anuonyam adi.
Fa no sie sε nhwiren,
Na ompue ne bere mu,
Fa no so yi Wo tumi,
Ne W'anuonyam adi.
[V4]
Ma W'abɔfo nwεn no daa,
Na ma W'ani nku ne ho;
Pam bonsam firi ne ho;
Yi no firi ɔhaw mu.
Ma W'abɔfo nwεn no daa,
Na ma W'ani nku ne ho;
Pam bonsam firi ne ho;
Yi no firi ɔhaw mu.
[V5]
Dan' W'ani hwε~awofo yi,
Ma wεnyɔ nea~εsε W'ani;
Ma wonyi nneyεe pa~adi
N-kyerε akɔkoaa yi.
Dan' W'ani hwε~awofo yi,
Ma wεnyɔ nea~εsε W'ani;
Ma wonyi nneyεe pa~adi
N-kyerε akɔkoaa yi.