Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #729

Hymn 729 N34 Go Labour On

[V1]
Fa w'ahoɔden ny'naa yε ‘dwuma
Fa ‘nigye yε w'Agya ‘pεde;
Ɛyε kwan a ‘W'ra no faa so;
Ɛnsε sε Nakoa fa so bi?

[V2]

Yε adwuma; woremm'rε ngu
Fam adehw'rew yε s'ro mfaso:
Sε nnipa ntiew', nnɔw', nyiw ayέ a
‘W'ra n' bεkamfo', nnipa yε dεn?

[V3]

‘Dekye wɔ hɔ yi yε ‘dwuma;
Wiase ‘nadwo sum reba ntεm;
Yε w'dwuma ɔhare so;
Wɔmfa anihaw nnye akra.

[V4]

Kɔ so, ntɔ beraw, wɔn bɔ mpae;
Yε ‘badwemma, gye akra nkwa;
Fi adi kɔ wiase mm'rɔn so,
Hyε wɔn a wɔafom kwan bra fie.

[V5]

Ma w'ani nnye w'adwuma yεm';
Ɛbrε akyi wɔ ɔhome;
Wobεte Ayef'rokum' nne
Ɛdasu mu sε, “Hwε Maba!”

729. N34 Go Labour On

Link copied to clipboard successfully!