Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #722

Hymn 722 N27 Count Your Blessings

[V1]
Sε ɔbra asorɔkye de wo rekɔ
Wo bo tu, dwen sε ne nyinaa ayera~a
Kan wo nhyira pii no, bobɔ din nk'ro nk'ro.
Na nea Nyame ayε bεyε wo nwanwa.

**Nnyeso**
Kan wo nhyira, bobɔ din nk'ro nk'ro;
Kan wo nhyira hwε nea Nyame ayε
Kan wo nhyira pii no, bobɔ din nk'ro nk'ro,
Kan wo nhyira pii no, hwε nea Nyame ayε.

[V2]

Sε wohwε binom asase ne sika~a
Kae sε Kristo ahyεw' ahonya ho bɔ;
Kan wo nhyira pii no, sika ntumi ntε
Wo soro akatua ne wo s'ro fie no.

[V3]

Enti wo ko no yε kεse~oo, ketewa~oo,
Mma wo bo nntu, Nyame hwε ne nyinaa so,
Kan wo nhyira pii no, abɔfo bεhwεw',
Akyekye wo werε w'akwantu yi mu.

722. N27 Count Your Blessings

Link copied to clipboard successfully!