Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #723
Hymn 723 N28 Hark, Hark, my Soul
[V1]
Tie me kra tie, abɔfo nnwom rewosow
Asase so mfuw so ne mpoano nso!
Nsεm a wɔde ‘sanku rebε no yε dεw,
Nkwa fof'ro a bɔne remfram' ho nsεm!
**Nnyeso**
Yesu abɔfo, Hann abɔfo
Reto dwom ma sum mu
‘Kwantufo ‘kwaaba.
Tie me kra tie, abɔfo nnwom rewosow
Asase so mfuw so ne mpoano nso!
Nsεm a wɔde ‘sanku rebε no yε dεw,
Nkwa fof'ro a bɔne remfram' ho nsεm!
**Nnyeso**
Yesu abɔfo, Hann abɔfo
Reto dwom ma sum mu
‘Kwantufo ‘kwaaba.
[V2]
Yεkɔ anim, yεte sε wɔreto sε:
“Mommra ‘kra ‘brεfo, Yesu se mommra”;
Nnwom no dεw gyigye wɔ sum mu baabiara,
Asεmpan' ho dwom no de yεn kɔ fie.
Yεkɔ anim, yεte sε wɔreto sε:
“Mommra ‘kra ‘brεfo, Yesu se mommra”;
Nnwom no dεw gyigye wɔ sum mu baabiara,
Asεmpan' ho dwom no de yεn kɔ fie.
[V3]
Egyigye aky'riky'ri sε anwumm're dɔn;
Yesu nne gyigye ‘sase ne po so,
Na akra abrεfo mpempem dan wɔn ho,
Ba Wo nkyεn, Oguanhwεfo yamyefo.
Egyigye aky'riky'ri sε anwumm're dɔn;
Yesu nne gyigye ‘sase ne po so,
Na akra abrεfo mpempem dan wɔn ho,
Ba Wo nkyεn, Oguanhwεfo yamyefo.
[V4]
Abɔfo! Monto dwom, na monkɔ so nwεn,
Monto soro nnwom no bi nkyerε yεn;
Kosi sε ‘nigye besi su ananmu,
Na ɔkra sum bεdan adekyee dɔ.
Abɔfo! Monto dwom, na monkɔ so nwεn,
Monto soro nnwom no bi nkyerε yεn;
Kosi sε ‘nigye besi su ananmu,
Na ɔkra sum bεdan adekyee dɔ.