Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #721
Hymn 721 N26 Master Speak Thy Servant Heareth
[V1]
‘Wura kasa W'akoa retie
Retwεn Wo dom asεm no;
Me kɔn dɔ W'aw'rεkyekye nne;
‘Wura, ma mente seesei
Aw'rade, meretie Wo
Dεn na Wowɔ ka ky'rε me?
‘Wura kasa W'akoa retie
Retwεn Wo dom asεm no;
Me kɔn dɔ W'aw'rεkyekye nne;
‘Wura, ma mente seesei
Aw'rade, meretie Wo
Dεn na Wowɔ ka ky'rε me?
[V2]
‘Wura, bɔ me din kasa ky'rεm',
Ma minhu sε Wode me!
Kasa ma me ho nyε hare
Nnantew den ahofadim'
Wɔ ɔbo no nwini mu,
Nea ‘Guanhwεfo no ky'rε kwan.
‘Wura, bɔ me din kasa ky'rεm',
Ma minhu sε Wode me!
Kasa ma me ho nyε hare
Nnantew den ahofadim'
Wɔ ɔbo no nwini mu,
Nea ‘Guanhwεfo no ky'rε kwan.
[V3]
‘Wura, kasa! Sε b'rεoo mpo a
Ma mente Wo nne ansa;
‘Wura kasa ‘fisε Wunim
Me koma ‘pεde nyinaa;
Wunim nea ‘hia me nyinaa;
Kasa! Na hyira me nnε.
‘Wura, kasa! Sε b'rεoo mpo a
Ma mente Wo nne ansa;
‘Wura kasa ‘fisε Wunim
Me koma ‘pεde nyinaa;
Wunim nea ‘hia me nyinaa;
Kasa! Na hyira me nnε.
[V4]
‘Wura, kasa! yε me krado;
Sε mete Wo nne ampáa
Ma memfa ‘setie ne daa dεw
Nni W'asεm biara akyi;
Aw'rade meretie Wo;
O ‘Wura, kasa ky'rε me.
‘Wura, kasa! yε me krado;
Sε mete Wo nne ampáa
Ma memfa ‘setie ne daa dεw
Nni W'asεm biara akyi;
Aw'rade meretie Wo;
O ‘Wura, kasa ky'rε me.