Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #720
Hymn 720 N25 Weeping Will Not
[V1]
Nusu rennye me nkwa
Me nusu sen dεn ara-a
Entumi ntu me suro,
Entumi nyi me bɔne
Nusu rennye me nkwa.
**Nnyeso**
Yesu sui, n'Owui maa me;
Yesu brεe wɔ dua no so;
Yesu rema mahome;
No nko n' ɔbεgye me
Nusu rennye me nkwa
Me nusu sen dεn ara-a
Entumi ntu me suro,
Entumi nyi me bɔne
Nusu rennye me nkwa.
**Nnyeso**
Yesu sui, n'Owui maa me;
Yesu brεe wɔ dua no so;
Yesu rema mahome;
No nko n' ɔbεgye me
[V2]
Me nnwuma rennye me,
Nnwuma pá a miyumi yε
M'adwempa ne me nkate'
Rentumi nsakra me kra;
Me nnwuma rennye me.
Me nnwuma rennye me,
Nnwuma pá a miyumi yε
M'adwempa ne me nkate'
Rentumi nsakra me kra;
Me nnwuma rennye me.
[V3]
Ɔtwentwεn rennye me,
Mabrε, midi fɔ, may'ra,
Mete ahummɔb'rɔ nne;
Metwεn a, εnde mewu;
Ɔtwentwεn rennye me.
Ɔtwentwεn rennye me,
Mabrε, midi fɔ, may'ra,
Mete ahummɔb'rɔ nne;
Metwεn a, εnde mewu;
Ɔtwentwεn rennye me.
[V4]
Kristom' gyidi gye me;
Metwere Wo Ba sufo,
Metwere N'adwuma no;
‘W'ra, boa ma menkɛ Ne nsam':
Kristom' gyidi gye me.
Kristom' gyidi gye me;
Metwere Wo Ba sufo,
Metwere N'adwuma no;
‘W'ra, boa ma menkɛ Ne nsam':
Kristom' gyidi gye me.