Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #711
Hymn 711 N16 Forever here my
[V1]
Ha na mεtra ahome daa,
Mεbεn Wo mfem' mogyan;
M'anidaso ne m'asεm ni,
‘Gyenkwa no wu maa me.
Ha na mεtra ahome daa,
Mεbεn Wo mfem' mogyan;
M'anidaso ne m'asεm ni,
‘Gyenkwa no wu maa me.
[V2]
M'Agyenkwa Nyame a Worewu
Bɔn' ne ‘fodi nsuti,
Fa Wo mogya pa no guar' me,
Na ma me ho ntew kronn.
M'Agyenkwa Nyame a Worewu
Bɔn' ne ‘fodi nsuti,
Fa Wo mogya pa no guar' me,
Na ma me ho ntew kronn.
[V3]
Guar' me na fa me yε Wode;
Guar' me, na Wowε me;
Guar' me na me nan ho nko-
Me nsa, me ti, koma.
Guar' me na fa me yε Wode;
Guar' me, na Wowε me;
Guar' me na me nan ho nko-
Me nsa, me ti, koma.
[V4]
Fa Wo mpata mogya no kam',
Kosi sε gyidi ne
Anidaso bεsow aba,
Na me kra bεdan dɔ.
Fa Wo mpata mogya no kam',
Kosi sε gyidi ne
Anidaso bεsow aba,
Na me kra bεdan dɔ.