Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #710
Hymn 710 N15 Man Of Sorrows
[V1]
Yaw Nipa, din nwanwa a
Wɔde frε Nyame Ba a
Ɔbεgyee nnebɔn'yεfo
Haleluya! ɔgyefo ni!
Yaw Nipa, din nwanwa a
Wɔde frε Nyame Ba a
Ɔbεgyee nnebɔn'yεfo
Haleluya! ɔgyefo ni!
[V2]
Animguasem' ahiyim'
N'Osii m'ananmu dii fɔ;
Manya faf'ri Ne mogyam',
Haleluya! ɔgyefo ni!
Animguasem' ahiyim'
N'Osii m'ananmu dii fɔ;
Manya faf'ri Ne mogyam',
Haleluya! ɔgyefo ni!
[V3]
Yedi fɔ, yεn ho wɔ fi;
Nyame Guammá a Onni dεm;
Betumi ayε mpata
Haleluya! ɔgyefo ni!
Yedi fɔ, yεn ho wɔ fi;
Nyame Guammá a Onni dεm;
Betumi ayε mpata
Haleluya! ɔgyefo ni!
[V4]
Wɔsεn' No nti na Owui,
Na ɔteεε mu sε “Mawui”:
Wɔama No so ɔsoro;
Haleluya! ɔgyefo ni!
Wɔsεn' No nti na Owui,
Na ɔteεε mu sε “Mawui”:
Wɔama No so ɔsoro;
Haleluya! ɔgyefo ni!
[V5]
Anuonyam Hene no ba,
Bεfa Ne mma kɔ fie a,
Yεbεto dwom yi bio se:
Haleluya! ɔgyefo ni!
Anuonyam Hene no ba,
Bεfa Ne mma kɔ fie a,
Yεbεto dwom yi bio se:
Haleluya! ɔgyefo ni!