Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #712

Hymn 712 N17 Sweet the time

[V1]
B're no yε dε boro so!
B're a 'hotefo hyiam no.
B're a wɔdwen 'Gyenwa ho,
Na wohyiam to Ne ho dwom.

[V2]

Yεto daa ɔdɔ ho dwom,
Dɔ a εkaa Agya no;
ɔhwεε wiase mmusu no,
Dɔɔ wiase de Ne Ba kyεe

[V3]

Yεto 'Ba no dɔ dwom:
ɔdan' N'ahenni gyaa s´ro,
Faa yεn su sii yεn ananm´
N'Obewui maa yεn nyinaa.

[V4]

Yεto Honhom dɔ ho dwom;
ɔne yεn dii ap'rep're
Maa yaw ne suro kaa yεn,
Ma yεbεn Agyenkwa no.

[V5]

B're no bεyε dε mm'roso,
B're a 'hotefo hyiam s'ro
Wɔbεdwen Yesu hò ara,
Wɔbεto Ne ho dwom daa.

712. N17 Sweet the time

Link copied to clipboard successfully!