Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #706

Hymn 706 N11 “I'm Not Ashamed”

[V1]
M'Aw'rade ho nyε m' aniwu,
Sε migyina ma No;
Mesɔ N'asεm mu ‘nidi mu
N'sεnnua ho ‘nuonyam.

**Nnyeso**
Dua no ho! Dua no ho!
Hɔ na me hu hann no
Na me koma m' adesoa no tew hwee,
Hɔ na menam gyidi so huu ade,
Na~εnnε m'ani gye daa nyinaa!

[V2]

‘Wura Yesu, me nim ne din –
Ne din nko na metwer',
Ɔremma me kra ani nwu,
Na m'ani da so~ampa.

[V3]

Ne bɔhyε tim hɔ sε N'agua;
N'Obetumi ahwε,
Nea mede mahyε Ne nsa m' no,
Akosi da no mu.

[V4]

Ɔbεbɔ me din tantan no
Wɔ N'Agya anim hε;
Na Yerusalem fof'ro no m',
Me kra benya trabea.

706. N11 “I'm Not Ashamed”

Link copied to clipboard successfully!