Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #707
Hymn 707 N12 I Will Sing Of The Wondrous
[V1]
Mεto Kristo a Owu maam'
Anwanwasεεm no ho dwom;
Ɔdan' N'anuonyam fie gyaa hɔ;
Bεfaa Kalbre ‘sεnnua no!
**Nnyeso**
Yiw, mεto Kristo a Owu maam'
‘Nwanwasεm no ho dwom;
Me ne ahotefo behyiam!
Ahwehwεpo ho ato.
Mεto Kristo a Owu maam'
Anwanwasεεm no ho dwom;
Ɔdan' N'anuonyam fie gyaa hɔ;
Bεfaa Kalbre ‘sεnnua no!
**Nnyeso**
Yiw, mεto Kristo a Owu maam'
‘Nwanwasεm no ho dwom;
Me ne ahotefo behyiam!
Ahwehwεpo ho ato.
[V2]
Meyerae na Yesu huu me
Sε oguan a wafom kwan;
Ɔde Ne dɔ basa bamm' me,
Ɔtwee me baa Ne kwan mu.
Meyerae na Yesu huu me
Sε oguan a wafom kwan;
Ɔde Ne dɔ basa bamm' me,
Ɔtwee me baa Ne kwan mu.
[V3]
Mipirae Yesu saam' yare;
Metɔɔ piti asehwem'
Manhu ade, ehu hyɔn' so;
Na ɔgyeem' fii ne nyinaam'.
Mipirae Yesu saam' yare;
Metɔɔ piti asehwem'
Manhu ade, ehu hyɔn' so;
Na ɔgyeem' fii ne nyinaam'.
[V4]
Esum nna da so ba me so,
Metaa fa ‘w'rεhow kwan so,
Nanso Agyenkwa ka me ho,
Ɔde Ne nsa ka me dwoo.
Esum nna da so ba me so,
Metaa fa ‘w'rεhow kwan so,
Nanso Agyenkwa ka me ho,
Ɔde Ne nsa ka me dwoo.