Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #705

Hymn 705 N10 Gracious Spirit Dwell

[V1]
Ɔdom honhom´ ne me ntra,
Na mayε ɔdomfo bi:
Mada W´asεm a εsa
Yare no adi me bram´,
Na maka Kristo ho nsεm,
Odwo ne abòɔd´ru mu.
Ɔdom honhom´ ne me ntra,
Na mayε ɔdomfo bi:
Mada W´asεm a εsa
Yare no adi me bram´,

[V2]

Nokwar´ Honhom ne me ntra;
Na mayε nokwafo bi:
Ma Wo nyansa ne dom no
Nna adi yie wɔ me bram´,
Na mede anua-yε pa,
Maka me Wura ho nsεm.
Nokwar´ Honhom ne me ntra;
Na mayε nokwafo bi:
Ma Wo nyansa ne dom no

[V3]

Tema honhom! Ne me ntra
Na me nso mayε tema.
Fa me koma sie sε nhw´ren
Wɔ sɔhwe sum bere mu
´Wia pue a, bue pon no mu,
Ma wɔnte Ne dɔ hua no.
Tema honhom! Ne me ntra
Na me nso mayε tema.
Fa me koma sie sε nhw´ren
Wɔ sɔhwe sum bere mu

[V4]

Honhom Tumfo! ne me ntra;
Na mayε otumfo bi:
Na matumi magyina,
Nea ankonam di nkogu;
Anidaso pa mu daa,
Na makɔ m´anim ara.
Honhom Tumfo! ne me ntra;
Na mayε otumfo bi:
Na matumi magyina,

[V5]

Honhom Kronkron ne me ntra;
Na mayε hotefo bi:
Na bɔn´ afi me ho no,
Mabata papa nko nko ho;
Na nea mεden biara no,
Mede me ho mama Wo.
Honhom Kronkron ne me ntra;
Na mayε hotefo bi:
Na bɔn´ afi me ho no,

705. N10 Gracious Spirit Dwell

Link copied to clipboard successfully!