Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #650
Hymn 650 Agya a Wo Din Ma
[V1]
Agya a Wo din ma
Yɛte baatanyɛ ase,
Wo a Wode dɔ yɛ
'Busua biara Wo de;
Hyira 'wofo nyinaa na fa
ɔdɔ wɛn Wo nkurɔfo no
Wɔ wɔn atrae sɛ ɔwɛmfo.
Agya a Wo din ma
Yɛte baatanyɛ ase,
Wo a Wode dɔ yɛ
'Busua biara Wo de;
Hyira 'wofo nyinaa na fa
ɔdɔ wɛn Wo nkurɔfo no
Wɔ wɔn atrae sɛ ɔwɛmfo.
[V2]
Kristo, Woyɛɛ 'bofra
Wɔ asase so ha, Wo a Wufi komā a
Ͻyɛ kronn mu nyinii;
Hyira yɛn mmofra baabiara,
Sɛnea wɔn ny'naa behu W'anim
Na wɔanyin Wo ho nimdeɛ mu.
Kristo, Woyɛɛ 'bofra
Wɔ asase so ha, Wo a Wufi komā a
Ͻyɛ kronn mu nyinii;
Hyira yɛn mmofra baabiara,
Sɛnea wɔn ny'naa behu W'anim
Na wɔanyin Wo ho nimdeɛ mu.
[V3]
Honhom a Woka yɛn
Koma bom biakoyɛm',
Na Woma yehu 'dɔ Wɔ ahofadi mu;
Saa 'dɔ no nyin wɔ yɛn komam'
Sɛnea ofie biara nam so
Bɛyɛ asomdwoe trabea pa.
Honhom a Woka yɛn
Koma bom biakoyɛm',
Na Woma yehu 'dɔ Wɔ ahofadi mu;
Saa 'dɔ no nyin wɔ yɛn komam'
Sɛnea ofie biara nam so
Bɛyɛ asomdwoe trabea pa.