Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #649

Hymn 649 'W'ra Yɛrebɔ Mpae Ma Nnipāā

[V1]
'W'ra yɛrebɔ mpae ma nnipā a
Wɔwɔ baabiara yi;
O tie yɛn, yɛn asase nti
'Sase a yɛdɔ no.

[V2]

Bɔ yɛn mpoano ho ban na ma
Yɛn ahye so 'somdwoe;
Ma yɛn nkuro nnya nkɔso na
Yɛn nnɔbae nso nnɔɔso.

[V3]

Fa ɔdɔ kronkron ka yɛn bom
Nimdeɛ mu ne Wo mu;
Na ma yɛn nkoko ne abon
Nto ahofadi nnwom.

[V4]

Aman nyinaa Wura, yɛde
Yɛn man yi hyɛ Wo nsa;
Yɛ ne guankɔbea, 'nidaso,
Ne ne daa daa yɔnko.

649. 'W'ra Yɛrebɔ Mpae Ma Nnipāā

Link copied to clipboard successfully!