Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #634
Hymn 634 Kristofo Ny'naa, Mommra Mmɛyɛ
[V1]
Kristofo ny'naa, mommra mmɛyɛ
Aw'rade adwuma no,
Munsiesie mo bra yie mma No,
Momma mo koma nyɛ k'ro.
Momfa dɛw mmra N'abangua so,
Bɔhyɛ kronkron fof'royem;
Monsan mfi bɔn' ne yawdi ho,
Na wɔmma mo nkwa fof'ro.
Kristofo ny'naa, mommra mmɛyɛ
Aw'rade adwuma no,
Munsiesie mo bra yie mma No,
Momma mo koma nyɛ k'ro.
Momfa dɛw mmra N'abangua so,
Bɔhyɛ kronkron fof'royem;
Monsan mfi bɔn' ne yawdi ho,
Na wɔmma mo nkwa fof'ro.
[V2]
Momfa mo b're, talente mma,
Ͻyɛ Nyame akyɛde;
Ͻsɛ sɛ Kristofo de yɛ
'Dwuma ka Ne dɔ hō asɛm.
Mommra mmɛsom Agyenkwa no,
Momfa akyɛde ny'naa mmra;
Munnya Ne dom mo adwumam',
Momfa dɛw nto N'ayeyi.
Momfa mo b're, talente mma,
Ͻyɛ Nyame akyɛde;
Ͻsɛ sɛ Kristofo de yɛ
'Dwuma ka Ne dɔ hō asɛm.
Mommra mmɛsom Agyenkwa no,
Momfa akyɛde ny'naa mmra;
Munnya Ne dom mo adwumam',
Momfa dɛw nto N'ayeyi.
[V3]
'Sɛ sɛ obiara dɔ ne nua,
Ͻyɛ Nyame ahyɛde;
Afof'ro mmɔbrɔhun' no da
Ne nkwagye nhyehyɛe adi.
ɔdɔ Ne s'ro dɔ no ama
Esian Ne mmɔbrɔhun' nti,
Wɔma bɔn' fafri 'sɛnnuan' so,
Dɛw ne 'somdwoe yɛ wo de.
'Sɛ sɛ obiara dɔ ne nua,
Ͻyɛ Nyame ahyɛde;
Afof'ro mmɔbrɔhun' no da
Ne nkwagye nhyehyɛe adi.
ɔdɔ Ne s'ro dɔ no ama
Esian Ne mmɔbrɔhun' nti,
Wɔma bɔn' fafri 'sɛnnuan' so,
Dɛw ne 'somdwoe yɛ wo de.
[V4]
Mo a mogye Kristo di ny'naa,
Mommra 'yeyi ne nkamfom';
Monsom No ahodwira mu,
Mubenya ɔdom ne dɔ.
Ne dom nti monhyɛ No 'nuonyam,
Ne Honhom nč Asɛm no nti,
Munsi 'sɛmpa 'basɛm no so
Mma 'dasamma nte Ne din.
Mo a mogye Kristo di ny'naa,
Mommra 'yeyi ne nkamfom';
Monsom No ahodwira mu,
Mubenya ɔdom ne dɔ.
Ne dom nti monhyɛ No 'nuonyam,
Ne Honhom nč Asɛm no nti,
Munsi 'sɛmpa 'basɛm no so
Mma 'dasamma nte Ne din.