Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #633
Hymn 633 Sɛ Yɛn Ny'naa Du S'ro Hɔ a
[V1]
Monto Yesu anwanwa dɔ
'Hummɔb'rɔ ne dom ho dwom,
Obesiesie trabea 'ma yɛn
Wɔ adan fɛfɛ no mu.
**Nnyeso**
Sɛ yɛn ny'naa du s'ro hɔ a,
Ͻbɛyɛ ahurusi da kɛse!
Yɛn ny'naa hu Yesu a,
Yɛbɛteam ato nkonim dwom.
Monto Yesu anwanwa dɔ
'Hummɔb'rɔ ne dom ho dwom,
Obesiesie trabea 'ma yɛn
Wɔ adan fɛfɛ no mu.
**Nnyeso**
Sɛ yɛn ny'naa du s'ro hɔ a,
Ͻbɛyɛ ahurusi da kɛse!
Yɛn ny'naa hu Yesu a,
Yɛbɛteam ato nkonim dwom.
[V2]
B'rč a yɛnam sɛ 'kwantufo yi,
Mununkum bɛkata wim;
Nanso sɛ 'kwantu no sa a
Sunsuma bi nni hɔ bio.
B'rč a yɛnam sɛ 'kwantufo yi,
Mununkum bɛkata wim;
Nanso sɛ 'kwantu no sa a
Sunsuma bi nni hɔ bio.
[V3]
Ͻnde momma yenni nokwar'
Nsom wɔ ahotosom 'daa,
Sɛ yehu No 'nuonyam mu a,
Yɛn brɛ nyinaa to betwa.
Ͻnde momma yenni nokwar'
Nsom wɔ ahotosom 'daa,
Sɛ yehu No 'nuonyam mu a,
Yɛn brɛ nyinaa to betwa.
[V4]
Nkonimbo no da yɛn anim!
Yebehu N'ahoɔfɛ no;
Ͻnkyɛ, wobebue apon no,
Yɛbenantew sika so.
Nkonimbo no da yɛn anim!
Yebehu N'ahoɔfɛ no;
Ͻnkyɛ, wobebue apon no,
Yɛbenantew sika so.