Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #570

Hymn 570 Nyɛ Me; Kristo Na 'Nuonyam Kɛse Nka No

[V1]
'Nyɛ me; Kristo na 'nuonyam kɛse nka no,
'Nyɛ me; Kristo mmom na ma wonhu No,
'Nyɛ me; Kristo wɔ dwumadi biara mu,
'Nyɛ me; Kristo wɔ nsusui biara mu.

[V2]

'Nyɛ me; Kristo na Obedwudwo 'w'rɛhow,
'Nyɛ me; Kristo n'ɔbɛpopa nusu,
'Nyɛ me; Kristo na Obeyi nnesoa hɔ,
'Nyɛ me; Kristo n'ɔbɛpam sųro nyinaa.

[V3]

Kristo nkutoo mu na nsɛnhun bi mfi mma,
Kristo nkutoo mu na nnyigyei hun mfi;
Kristo nkutoo mu na 'hohoahoa bi nni,
Kirsto nkutoo mu na \"me\" bi nni hɔ.

570. Nyɛ Me; Kristo Na 'Nuonyam Kɛse Nka No

Link copied to clipboard successfully!