Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #568

Hymn 568 'W'rade, Fa Me Dommum

[V1]
'W'rade, fa me dommum, Na manya 'hofadi;
Ma mennyae me nkrantɛ mu na Mayɛ nkonimdifo;
Memem ɔbra haw mu, B're a me nko gyina;
Yɛ me deduani Wo basam' Na me nsa ayɛ den.

[V2]

Me koma yɛ mmerɛw Kosi sɛ ebehu 'W'ra;
Enni nnyinaso pintinn bi, Ehinhim b're nyinaa.
Entumi ntu 'nammɔn, Gye sɛ Woasane no;
Fa Wo dɔ no fa no dommum Na adi hen' nkwan' daa.

[V3]

Me pɛ nyɛm' de kosi Sɛ ɛbɛyɛ Wo de;
Sɛ ebenya 'henni tebeā a Gye sɛ egyaw n'ahenkyɛw.
Ebegyina pintin, Wɔ ap're p're no mu,
B're a ɛbɛtwer' Wo kokom Nā anya ne nkwa Wo mu.

568. 'W'rade, Fa Me Dommum

Link copied to clipboard successfully!