Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #567

Hymn 567 'Yɛ Nea Wopɛ, 'W'ra

[V1]
'Yɛ nea Wope, 'W'ra, yɛ nea Wopɛ!
Wone ɔnwemfo; mene dɔte;
Nwene me, yɛ me sɛnea Wopɛ
Mede ɔpene retwɛn Wo yi.

[V2]

Yɛ nea Wope, 'W'ra, yɛ nea Wopɛ!
Ͻnnɛ sɔ me hwɛ na hu me mu!
Aw'rade hoa me sen suky'rɛmma,
Mekoto W'anim 'nidi mu yi.

[V3]

Yɛ nea Wope, 'W'ra, yɛ nea Wopɛ!
Mapira, mab'rɛ, boa me, mesrɛ!
Tumi mu tumi yɛW'de ampa!
Agyenkwa, ka me; sa me yare!

[V4]

'Yɛ nea Wope, 'W'ra, yɛ nea Wopɛ!
Di me so koraa, sɛ Wo pɛ te!
Wo Honhom mmee me, n'obiara nhu
Sɛ Kristo nko n'ɔte me mu daa.

567. 'Yɛ Nea Wopɛ, 'W'ra

Link copied to clipboard successfully!