Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #557
Hymn 557 Mommra, Mo Asedafo
[V1]
Momfa nnɔbae dwom mm'ra fie,
Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano,
Ansa na 'pɛb're adu;
Yɛn Bɔfo Nyankopɔn no
Ma yɛn nea ehia yɛn ny'naa;
Mommra Onyankopɔn fie
Na monto nnɔbae ho dwom!
Momfa nnɔbae dwom mm'ra fie,
Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano,
Ansa na 'pɛb're adu;
Yɛn Bɔfo Nyankopɔn no
Ma yɛn nea ehia yɛn ny'naa;
Mommra Onyankopɔn fie
Na monto nnɔbae ho dwom!
[V2]
Yɛyɛ Nyame afuw a,
Yɛsow N'ayeyi aba;
Wogu awi pa ne wųra
Enyin ma dɛw anaa yaw;
Ahaban ne bɛtem pue
Afei ɛyɛ awi pa;
Afuw Wura, yɛsrɛ Wo,
Ma yɛnyɛ aba pa nko!
Yɛyɛ Nyame afuw a,
Yɛsow N'ayeyi aba;
Wogu awi pa ne wųra
Enyin ma dɛw anaa yaw;
Ahaban ne bɛtem pue
Afei ɛyɛ awi pa;
Afuw Wura, yɛsrɛ Wo,
Ma yɛnyɛ aba pa nko!
[V3]
Yɛn Nyankopɔn no bɛba
De Ne nnɔbae akɔ fie;
Da no Obeyi bɔne
Ny'naa afi N'afuw no mu;
ɔbɛhyɛ N'abɔfo ma
Wɔahyew aba bɔne no;
Na wɔde awi pa no
Akogu N'asan so daa.
Yɛn Nyankopɔn no bɛba
De Ne nnɔbae akɔ fie;
Da no Obeyi bɔne
Ny'naa afi N'afuw no mu;
ɔbɛhyɛ N'abɔfo ma
Wɔahyew aba bɔne no;
Na wɔde awi pa no
Akogu N'asan so daa.
[V4]
Wo nkonim asafo bra
Bɛto otwab're ho dwom;
Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano
Afi yaw ne bɔne mu;
Wɔatew wɔn ho kosi daa,
Wɔbɛtra Nyame fie daa,
Abɔfo mpem du, mommra
Momfa 'nuonyam nnɔbae mm'ra.
Wo nkonim asafo bra
Bɛto otwab're ho dwom;
Wɔaboa nnɔbae ny'naa ano
Afi yaw ne bɔne mu;
Wɔatew wɔn ho kosi daa,
Wɔbɛtra Nyame fie daa,
Abɔfo mpem du, mommra
Momfa 'nuonyam nnɔbae mm'ra.