Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #556
Hymn 556 Sɛnea Tete Hotefo No
[V1]
Sɛnea tete hotefo no
De mmoa ne mfude mu
Adekan brɛɛ Onyame a
ɔma nnepa ny'naa no;
Saa na nnɛ yɛmaW' adekan
A efi 'sase so,
Mfuw mu, gua so, ne afie mu;
Adwen, komam ne nsam.
Sɛnea tete hotefo no
De mmoa ne mfude mu
Adekan brɛɛ Onyame a
ɔma nnepa ny'naa no;
Saa na nnɛ yɛmaW' adekan
A efi 'sase so,
Mfuw mu, gua so, ne afie mu;
Adwen, komam ne nsam.
[V2]
Wiase yi frɛ yɛn ma ɔsom
Ne ɔdɔ ne ɔma;
Sɛnea yɛde yɛn bra bɛbɔ
Afɔrč ama Nyame.
Kristo asafo no frɛ yɛn
Se yɛbɛmā ayɛ saa:
Wiase a wɔagye no Kristom,
'Bra ny'naa ayɛ fof'ro.
Wiase yi frɛ yɛn ma ɔsom
Ne ɔdɔ ne ɔma;
Sɛnea yɛde yɛn bra bɛbɔ
Afɔrč ama Nyame.
Kristo asafo no frɛ yɛn
Se yɛbɛmā ayɛ saa:
Wiase a wɔagye no Kristom,
'Bra ny'naa ayɛ fof'ro.
[V3]
'Seda ne 'hotoso pa mu,
Nnɛ yɛde yɛn nnepa
Ba bɛsom Wo, de Wo dɔ no
Ma adasamma ny'naa.
Nyame a Wode Wo ho mae
Wɔ Wo ba Yesu mu,
Ky'rɛ sɛnea yɛde yɛn ho ny'naa
BɛmaW' kosi awiei.
'Seda ne 'hotoso pa mu,
Nnɛ yɛde yɛn nnepa
Ba bɛsom Wo, de Wo dɔ no
Ma adasamma ny'naa.
Nyame a Wode Wo ho mae
Wɔ Wo ba Yesu mu,
Ky'rɛ sɛnea yɛde yɛn ho ny'naa
BɛmaW' kosi awiei.