Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #554
Hymn 554 Ma Me Ne Wo Nnantew, Nyame
[V1]
Ma me ne Wo nnantew, Nyame,
Sɛ Henok nnantew tete no;
Sɔ me nsa mmerɛw yi mu den;
Na Wo ne me nni nkɔmmɔ pa;
Sɛ mintumi nhu kwan no a,
Yesu, ma me ne Wo nnante.
Ma me ne Wo nnantew, Nyame,
Sɛ Henok nnantew tete no;
Sɔ me nsa mmerɛw yi mu den;
Na Wo ne me nni nkɔmmɔ pa;
Sɛ mintumi nhu kwan no a,
Yesu, ma me ne Wo nnante.
[V2]
Me nko merentumi nnantew,
Ahum no ano yɛ den wim',
Wɔasunsum me af'ri apem,
Atamfo apem retɛw me,
Dwudwo po abufuw ano;
Wura, ma me ne Wo nnantew.
Me nko merentumi nnantew,
Ahum no ano yɛ den wim',
Wɔasunsum me af'ri apem,
Atamfo apem retɛw me,
Dwudwo po abufuw ano;
Wura, ma me ne Wo nnantew.
[V3]
Sɛ me nsa yi sɔ Wo mu a,
'Ha dɛw nyinaa mimmu no hwee;
Metu me kwan aboɔd'ru mu
Asɛnnua no frankaa n'ase;
Kosi sɛ mehu Sion apon,
'Gyenkwa, ma me ne Wo nnantew.
Sɛ me nsa yi sɔ Wo mu a,
'Ha dɛw nyinaa mimmu no hwee;
Metu me kwan aboɔd'ru mu
Asɛnnua no frankaa n'ase;
Kosi sɛ mehu Sion apon,
'Gyenkwa, ma me ne Wo nnantew.