Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #553
Hymn 553 Yesu, Ky'rɛ Yɛn Kwan
[V1]
Yesu, ky'rɛ yɛn kwan
Kɔ dā a ɛnsa nom':
Saa na yɛrentwentwɛn bio na
Yɛadi W'akyi, atie Wo nne:
Sɔ yɛn nsa fa yɛn Kɔ yɛn Agya fie.
Yesu, ky'rɛ yɛn kwan
Kɔ dā a ɛnsa nom':
Saa na yɛrentwentwɛn bio na
Yɛadi W'akyi, atie Wo nne:
Sɔ yɛn nsa fa yɛn Kɔ yɛn Agya fie.
[V2]
Sɛ yehyia mmusų a
Ma yengy'na pintinn;
'W'ra, kora yɛn fi anwiinwiim'
B're a sum aduru yɛn no;
Yɛnam ahohiam' Na ɛba Wo nkyɛn.
Sɛ yehyia mmusų a
Ma yengy'na pintinn;
'W'ra, kora yɛn fi anwiinwiim'
B're a sum aduru yɛn no;
Yɛnam ahohiam' Na ɛba Wo nkyɛn.
[V3]
Siesie yɛn akwan Kosi yɛn wuda:
Yɛn nnwuma mu, fa mmoa b'rɛ yɛn,
Ahohia mu nso hyɛ yɛn den;
Na yɛakodu yɛn Agya fie hɔ dwoo.
Siesie yɛn akwan Kosi yɛn wuda:
Yɛn nnwuma mu, fa mmoa b'rɛ yɛn,
Ahohia mu nso hyɛ yɛn den;
Na yɛakodu yɛn Agya fie hɔ dwoo.