Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #543

Hymn 543 Yesu Mmofra Nkumaa Yɔnko

[V1]
Yesu mmofra nkumaa Yɔnko,
Fa me nso yɔnko;
So me nsa mu na twe me bɛn
Wo nkyɛn daa.

[V2]

Kyerɛ me sɛnea menyin daa,
Wɔ papayɛ mu;
Wo nso Woayɛ abofra pɛn
'Nti Wonim.

[V3]

Di m'anim nkakrankakra kɔ
Mmabun bere mu;
Ma m'ahoɔden ne nyansa nyin
W'asɛm mu.

[V4]

Nɔnya me hɔ na mpaw me da
Yɛ me yɔnko daa;
Na mihia Wo m'abrabɔ mu.
Kosi awiei.

543. Yesu Mmofra Nkumaa Yɔnko

Link copied to clipboard successfully!