Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #542
Hymn 542 Yesu, Yɔnko Ne Yamyefo
[V1]
Yesu, Yɔnko ne Yamyefo,
Yɛde mmofra nkumaa brɛW':
Ma wɔn Wo nhy'rā a ɛsom bo no,
FaW' basa twa wɔn ho hyia
Kora wɔn Wo yiedi mu nnɛ,
Na yi wɔn fi mmusu ny'naam.
Yesu, Yɔnko ne Yamyefo,
Yɛde mmofra nkumaa brɛW':
Ma wɔn Wo nhy'rā a ɛsom bo no,
FaW' basa twa wɔn ho hyia
Kora wɔn Wo yiedi mu nnɛ,
Na yi wɔn fi mmusu ny'naam.
[V2]
Wo a Wogyee mmofra nkumaa
Baa Wo nkyɛn ayamhyehyem,
Ma wɔn aky'rɛky'rɛfo nyinaa
Nyansa ne ahobrɛase,
Nhunumu ne dɔ a wɔde
Bɛsom wɔn nokware mu.
Wo a Wogyee mmofra nkumaa
Baa Wo nkyɛn ayamhyehyem,
Ma wɔn aky'rɛky'rɛfo nyinaa
Nyansa ne ahobrɛase,
Nhunumu ne dɔ a wɔde
Bɛsom wɔn nokware mu.