Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #532
Hymn 532 Da Biara Ne Dɔnhwerew Biara Mu
[V1]
Da Biara Ne Dɔnhwerew Biara MuDa biara ne dɔnhwerew biara mu,
Minya 'hoɔden de hyia me haw ha;
B're a metwer' m'Agya nyansa mu dom no
Biribiara ntumi mmɔ me hu da,
Nea Ne komam' wɔ 'yamye b'ro so no
Ma da biara ade a ehia;
ɔdɔ mu, yaw ne anigye ka bom,
'Somdwoe ne home fra dwumayem'.
Da Biara Ne Dɔnhwerew Biara MuDa biara ne dɔnhwerew biara mu,
Minya 'hoɔden de hyia me haw ha;
B're a metwer' m'Agya nyansa mu dom no
Biribiara ntumi mmɔ me hu da,
Nea Ne komam' wɔ 'yamye b'ro so no
Ma da biara ade a ehia;
ɔdɔ mu, yaw ne anigye ka bom,
'Somdwoe ne home fra dwumayem'.
[V2]
'W'rade no ara bɛn me da biara,
Dɔn biaram', ɔmam' dom sononko;
ɔsoa me dadwen ny'naa kyekye me w'rɛ,
Nea Ne din ne 'Fotufo Tumfo.
Ne mma ne N'agyapade ho banbɔ
Yɛ 'sodė a ɔde too Ne ho so;
W'ahoɔden bɛyɛ sɛnea wo nna te:
Eyi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no.
'W'rade no ara bɛn me da biara,
Dɔn biaram', ɔmam' dom sononko;
ɔsoa me dadwen ny'naa kyekye me w'rɛ,
Nea Ne din ne 'Fotufo Tumfo.
Ne mma ne N'agyapade ho banbɔ
Yɛ 'sodė a ɔde too Ne ho so;
W'ahoɔden bɛyɛ sɛnea wo nna te:
Eyi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no.
[V3]
Ͻnde boa me ahohia biara mu,
Sɛnea mɛtwer' Wo bɔhyɛ 'Wura,
Na manhw're gyidim aw'rɛkyekye a
Minya fi W'Asɛm kronkron mu no;
Sɛ mihyia 'brɛ ne 'manč a boa me, 'W'ra,
Ma minnye, sɛneā efi Agya nsam,
Nna ne nnɔnhwerew a ɛretwam no
Kosi bɔhyɛ asase no so.
Ͻnde boa me ahohia biara mu,
Sɛnea mɛtwer' Wo bɔhyɛ 'Wura,
Na manhw're gyidim aw'rɛkyekye a
Minya fi W'Asɛm kronkron mu no;
Sɛ mihyia 'brɛ ne 'manč a boa me, 'W'ra,
Ma minnye, sɛneā efi Agya nsam,
Nna ne nnɔnhwerew a ɛretwam no
Kosi bɔhyɛ asase no so.