Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #531
Hymn 531 Yebesi Dan ɔbotan No So
[V1]
Yebesi dan ɔbotan no so,
Yesu, Tete Botan no so;
Ͻno na yebetum' agyina,
B're a 's'rɔkye bɛbo no.
**Nnyeso**
Yebesi yɛn dan, ɔbotan no so,
Yebesi yɛn dan, Botantim no so,
Kristo, Botantim no.
Yebesi dan ɔbotan no so,
Yesu, Tete Botan no so;
Ͻno na yebetum' agyina,
B're a 's'rɔkye bɛbo no.
**Nnyeso**
Yebesi yɛn dan, ɔbotan no so,
Yebesi yɛn dan, Botantim no so,
Kristo, Botantim no.
[V2]
Ebinom si dan wɔ anwea so,
Fam ha 'gyapadč adehun' mu;
Binom si dan bɔn'ne ap'rep'rem'
Din ne wiase anigyem'.
Ebinom si dan wɔ anwea so,
Fam ha 'gyapadč adehun' mu;
Binom si dan bɔn'ne ap'rep'rem'
Din ne wiase anigyem'.
[V3]
Si wo dan daa Botantim no so,
Nokware fapem pintinn no;
Emu 'nidaso begyina daa
Yɛn nkwagye ho 'nidaso n'.
Si wo dan daa Botantim no so,
Nokware fapem pintinn no;
Emu 'nidaso begyina daa
Yɛn nkwagye ho 'nidaso n'.