Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #516
Hymn 516 M'Agyenkwa No Di M'anim Daa
[V1]
M'Agyenkwa no di m'anim daa,
Dɛn na mimmisa nka ho?
So metumi agye me braɔ
Kwanky'rɛfon' adɔe ho kyim?
Mede gyidi bɛtra Ne mu
S'ro 'somdwoe ne 'hotɔ mu,
'Fisɛ nea ɛbɛto m' biara,
Yesu yɛ ade nyinaa yie.
M'Agyenkwa no di m'anim daa,
Dɛn na mimmisa nka ho?
So metumi agye me braɔ
Kwanky'rɛfon' adɔe ho kyim?
Mede gyidi bɛtra Ne mu
S'ro 'somdwoe ne 'hotɔ mu,
'Fisɛ nea ɛbɛto m' biara,
Yesu yɛ ade nyinaa yie.
[V2]
M'Agyenkwa no di m'anim daa
Ma me 'nigye me kwan so;
ɔma me dom sɔhwɛ biaram'
ɔma me nkwa bodoo di;
Ewom me nan bɛwatiri,
Na sukɔm ade me kra;
Nanso mihu sɛ 'nigye nsu
Fi botan no mu resen.
M'Agyenkwa no di m'anim daa
Ma me 'nigye me kwan so;
ɔma me dom sɔhwɛ biaram'
ɔma me nkwa bodoo di;
Ewom me nan bɛwatiri,
Na sukɔm ade me kra;
Nanso mihu sɛ 'nigye nsu
Fi botan no mu resen.
[V3]
M'Agyenkwa no di m'anim daa
O, Ne dɔ amapa no;
Wɔahyɛ me ahom'gye ho bɔ
Wɔ m'Agya fie soro hɔ;
Mesɔre anwuda tebeam'
Na mef'ro ba 'dekyee mų a
Me daa daa dwom ara ne sɛ:
Yesu di m'anim daa daa.
M'Agyenkwa no di m'anim daa
O, Ne dɔ amapa no;
Wɔahyɛ me ahom'gye ho bɔ
Wɔ m'Agya fie soro hɔ;
Mesɔre anwuda tebeam'
Na mef'ro ba 'dekyee mų a
Me daa daa dwom ara ne sɛ:
Yesu di m'anim daa daa.