Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #498
Hymn 498 Me Ne Wo Da So Wɔ Hɔ Adekyee B'rem
[V1]
Me ne Wo da so wɔ hɔ adekyee b'rem;
B're a nnomaa nyan' na 'sum guan kɔ no;
Nanso nea ɛyɛ fɛ sen 'dekyee hann yi,
Ne nkā a mete sɛ me ne Wo wɔ hɔ.
Me ne Wo da so wɔ hɔ adekyee b'rem;
B're a nnomaa nyan' na 'sum guan kɔ no;
Nanso nea ɛyɛ fɛ sen 'dekyee hann yi,
Ne nkā a mete sɛ me ne Wo wɔ hɔ.
[V2]
Me ne Wo nko wɔ sunsum nwanwa no mu,
Abɔde foforo kommyɛ no mu;
Me ne Wo nko wɔ hɔ nkamfo kɛse mu,
Anɔpa bosu ne fof'royɛ mu.
Me ne Wo nko wɔ sunsum nwanwa no mu,
Abɔde foforo kommyɛ no mu;
Me ne Wo nko wɔ hɔ nkamfo kɛse mu,
Anɔpa bosu ne fof'royɛ mu.
[V3]
Me ne Wo da so wɔ hɔ 'nɔpa biara
Woda so de soro hann pa ma me;
Saa na nhyira atenka ne nkanyan yi
Twe me bɛn s'ro ne Wo nkyɛn da biara.
Me ne Wo da so wɔ hɔ 'nɔpa biara
Woda so de soro hann pa ma me;
Saa na nhyira atenka ne nkanyan yi
Twe me bɛn s'ro ne Wo nkyɛn da biara.
[V4]
Saa na ɛbɛyɛ anɔpa fof'ro nom'
B're a kra benyan' na sunsuma kɔ;
Saa b're nō ɛyɛ fɛ sen 'dekyee hann no,
Bɛyɛ 'nuonyam fisɛ me neW' wɔ hɔ.
Saa na ɛbɛyɛ anɔpa fof'ro nom'
B're a kra benyan' na sunsuma kɔ;
Saa b're nō ɛyɛ fɛ sen 'dekyee hann no,
Bɛyɛ 'nuonyam fisɛ me neW' wɔ hɔ.