Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #497

Hymn 497 Adasamma Agya Dɛɛfo

[V1]
Adasamma Agya dɛɛfo,
Yɛn honhom mu yɔnko;
'S'ro 'W'rade, yɛn koma dɔfo,
Yɛn mpae f'ro ba Wo nkyɛn;
Wontwɛn nkosi sɛ yɛbɛsrɛ
Wo soro akyɛde;
Yɛn botae, yɛn 'dwuma, yɛn bra,
Yɛ mpae a Wodɔ pii.

[V2]

Wuhu papa ne bɔne a
Ahinta koma mu;
Adwen ne nhyehyɛe biara a
Epue anaa empue.
Yi nkakae fi yɛn mpaebɔ mu,
Yɛn bra nnan mmra Wo nkyɛn
Kosi sɛ yɛbɛyɛ 'dwuma
'Kyɛdč a yebisa ho.

[V3]

Yɛn mu a Wote ne Wo pɛ
Ho adwen som yɛn bo;
Sɛ yɛbɛte Wo nnč a yehia,
'Dɔ, otie ne kommyɛ.
Yɛn pɛ renni Wo de no so,
Mmom ɛbɛmem Wo dem';
Yɛrensu wɔ s'ro pon akyi,
Mmom yɛbɛbɔ Wo bra.

[V4]

Wode ɔdɔ hwehwɛ yɛn sen
Sɛnea yɛhwehwɛ Wo;
Wo tumi sen fa apon mu
Te sɛ po as'rɔkye.
Yɛnhwehwɛ Wo aky'riky'ri bi,
Anaa sɛnky'rɛnne bi;
Eye pii sɛ yɛbɔ mɔpae,
Na yɛyɛ Wo de kōraa.

497. Adasamma Agya Dɛɛfo

Link copied to clipboard successfully!