Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #491
Hymn 491 Sɔhwɛ Bere Mu No
[V1]
Sɔhwɛ bere mu no, Yesu, srɛ ma me,
Na manyi Wo amma Manfi Wo nɔkyɛn;
Wuhu sɛ mehim a, Fa ɔhwɛ frɛ me;
Ehu anaa 'dom mu, Mma menhwe ase.
Sɔhwɛ bere mu no, Yesu, srɛ ma me,
Na manyi Wo amma Manfi Wo nɔkyɛn;
Wuhu sɛ mehim a, Fa ɔhwɛ frɛ me;
Ehu anaa 'dom mu, Mma menhwe ase.
[V2]
Sɛ wiase 'huhude, 'Nigye a ɛmfra,
Ne 'gyapade bɔne Sɔre tia me a,
Ͻtwe m'adwene si Getsemane yaw
Anaasɛ ne nsɛso Kalbre 'sɛnnua so.
Sɛ wiase 'huhude, 'Nigye a ɛmfra,
Ne 'gyapade bɔne Sɔre tia me a,
Ͻtwe m'adwene si Getsemane yaw
Anaasɛ ne nsɛso Kalbre 'sɛnnua so.
[V3]
Sɛ Wo mmɔborɔhun' De ɔhaw brɛ me;
Anaasɛ yaw to me Wɔ me kwan so a,
Mma me werɛ mmfi da Sɛ mehu Wo nsa;
Ma memfa m'ahiade Nɔto Wo so daa.
Sɛ Wo mmɔborɔhun' De ɔhaw brɛ me;
Anaasɛ yaw to me Wɔ me kwan so a,
Mma me werɛ mmfi da Sɛ mehu Wo nsa;
Ma memfa m'ahiade Nɔto Wo so daa.