Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #466
Hymn 466 Anadwo Yi, Wɔ me Honhom
[V1]
Anadwo yi, wɔ me honhom bun ase tɔnn,
Na dwon a ɛyɛ dɛ kyɛn so fi;
Egyigye daa te sɛ dwon a efi soro
Wɔ me kra so te sɛ 'somdwoe pa.
**Nnyeso**
'Somdwoe! 'somdwoe nwanwā a
Efi Agya no nkyɛn soro ba;
Mesrɛ sɛ betwiw fa me honhom so daa
Wɔ dɔ a enni kabea mu.
Anadwo yi, wɔ me honhom bun ase tɔnn,
Na dwon a ɛyɛ dɛ kyɛn so fi;
Egyigye daa te sɛ dwon a efi soro
Wɔ me kra so te sɛ 'somdwoe pa.
**Nnyeso**
'Somdwoe! 'somdwoe nwanwā a
Efi Agya no nkyɛn soro ba;
Mesrɛ sɛ betwiw fa me honhom so daa
Wɔ dɔ a enni kabea mu.
[V3]
Hwɛ 'gyapade a mewɔ saa 'somdwoe yi mu
Asie wɔ me kra bun ase pɛɛ,
Tumi biara rentumi mmetutu n'ase
Bere a daapem mfe resen yi!
Hwɛ 'gyapade a mewɔ saa 'somdwoe yi mu
Asie wɔ me kra bun ase pɛɛ,
Tumi biara rentumi mmetutu n'ase
Bere a daapem mfe resen yi!
[V4]
Minim sɛ mikodu saa 'somdwoe man no mu,
Na mihu 'somdwoe Wura no a,
Dwom biako a wɔn a wɔagye wɔn no bɛto
Wɔ saa s'ro 'hemman no mu bɛyɛ:
Minim sɛ mikodu saa 'somdwoe man no mu,
Na mihu 'somdwoe Wura no a,
Dwom biako a wɔn a wɔagye wɔn no bɛto
Wɔ saa s'ro 'hemman no mu bɛyɛ:
[V5]
ɔkra brɛfo a wunni 'nigye ne home,
A wonam ɔbra kwan fo no so!
Yɛ 'Gyenkwan' w'adamfo ansa na sum aba;
O gye saa asomdwoe nwanwa yi.
ɔkra brɛfo a wunni 'nigye ne home,
A wonam ɔbra kwan fo no so!
Yɛ 'Gyenkwan' w'adamfo ansa na sum aba;
O gye saa asomdwoe nwanwa yi.