Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #465

Hymn 465 Metee Sɛ Yesu Nne Ka Sɛ

[V1]
Metee sɛ Yesu nne ka sɛ:
\"Bra Me nkyɛn bɛhome;
Fa wo ti bra, wo a woabrɛ
Fa bɛto Me kokom\".
Mebaa Yesu nkyɛn sɛ mete'i
ɔbrɛ ne aw'rɛhowm';
Minyaa ahomegye Ne mu,
Wama me anigye.

[V2]

Metee sɛ Yesu nne ka sɛ:
\"Hwɛ na Mede nkwa nsu
Ma kwa, wo a sukɔm de wo
Koto nom bi nya nkwa\".
Na mebaa Yesu nkyɛn bɛnom
Nɔkwa asuten no;
Me sukɔm gyae na me kra nyan,
Seesei mete Ne Mu.

[V3]

Metee sɛ Yesu nne ka sɛ:
\"Mene sum wiase'i hann;
Hwɛ Me, na w'anɔpa bepue
Na wo da ayɛ hann\".
Mehwɛɛ Yesu anim mehuu
Me nsoromma, m'awia,
Mɛnante saa nkwa hann no mu
Kosi m'akwantų awiei.

465. Metee Sɛ Yesu Nne Ka Sɛ

Link copied to clipboard successfully!