Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #460

Hymn 460 Sɛnea Nsu Dwudwo Sukɔm

[V1]
Sɛnea nsu dwudwo sukɔm,
'Niwa hwɛ 'fɛfɛde,
'Hoɔden di mm'rɛwyɛ akyi
Nokwar' sė at'ro anan;
Dwonto ne fefɛ mm're
Hwɛ huhub're kwan no,
Sɛ m'Aw'rade Teasefo no
Te ma me nso ne no.

[V2]

Sɛ ap'rep're ano dwo,
'Somdwoe di yaw akyi,
Ntetewmdi akyi nhyiamdi,
'Sutɔ akyi 'wihy'rɛn,
ɔsram ne ns'romma hann
Ne po so 'wia hann no,
Sɛ m'Aw'rade Teasefo no,
Te ma me nso ne no.

[V3]

Sɛ nna di 'hoɔmm'rɛ akyi,
Sika pa sen dɔte,
Nnommum akyi 'hofadi,
Owipuei ma 'dekyee;
Ofie ma 'kwantuni
Ne nea ɔtwɛn ny'naa no,
Sɛ m'Aw'rade Teasefo no,
Te ma me nso ne no.

460. Sɛnea Nsu Dwudwo Sukɔm

Link copied to clipboard successfully!