Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #459

Hymn 459 Sɛ 'Yef'rokun 'Te Ne Nk'rɔfom'

[V1]
Sɛ 'yef'rokun 'te ne nk'rɔfom',
ɔhen' te wɔ ne man mu,
ɔwɛnfo te wɔ aban mu,
Hyɛnkafo, af'rė anim no,
Wote saa ma me, 'W'ra.

[V2]

Sɛ nsuti te ma turow no
Kanea te wɔ esum mu,
'Gyapade te wɔ korabea,
Mana, apam 'dakam' no,
Wote saa ma me, 'W'ra.

[V3]

Sɛ nhenepa te ne tebeam',
Ͻwoɔ te wɔ ne kyɛm mu,
Sɛnea hann te kanea mu na
Agya te wɔ ofie no,
Wote saa ma me, 'W'ra.

[V4]

Sɛ owia hann te wɔ ewim,
Sunsum te wɔ ahwehwɛm',
Nnuaba te wɔ b'rɔdoma so,
Bosu te nwura so no,
Wote saa ma me, 'W'ra.

459. Sɛ 'Yef'rokun 'Te Ne Nk'rɔfom'

Link copied to clipboard successfully!