Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #450
Hymn 450 Sion Fɛfɛ a Wɔayɛ No S'ro
[V1]
Sion Fɛfɛ a wɔayɛ no s'ro
Kuro fɛfɛ a medɔ no;
Nhene pa apon fɛfɛ,
Dan fɛfɛ, Nyame ne ne hann.
Sion Fɛfɛ a wɔayɛ no s'ro
Kuro fɛfɛ a medɔ no;
Nhene pa apon fɛfɛ,
Dan fɛfɛ, Nyame ne ne hann.
[V2]
Nnua a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ daa,
Ͻsow aba fɛfɛ daa daa;
Asubɔnten fɛfɛ sen hɔ,
Nsuti fɛfɛ no renwe da.
Nnua a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ daa,
Ͻsow aba fɛfɛ daa daa;
Asubɔnten fɛfɛ sen hɔ,
Nsuti fɛfɛ no renwe da.
[V3]
'Henkyɛw fɛfɛ hyɛ obiara,
Nkonimdifo no kura brɛw;
Nɔtade fɛfɛ hyehyɛ wɔn
Wɔn a wɔkɔ hɔ ny'naa ho tew.
'Henkyɛw fɛfɛ hyɛ obiara,
Nkonimdifo no kura brɛw;
Nɔtade fɛfɛ hyehyɛ wɔn
Wɔn a wɔkɔ hɔ ny'naa ho tew.