Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #449

Hymn 449 Ahotɔ 'Sase Bi Wɔ Hɔ

[V1]
Ahotɔ 'sase bi wɔ hɔ,
Nea dɛw ahyɛ hɔ ma;
'Dekyee nkutoo, 'nadwo nni hɔ,
'Hɔ 'nigye tu yaw ny'naa.

**Nnyeso**
Yɛr'ko Immanuel 'sase so,
Ͻrenkyɛ t'robɛnto bebom,
Na yɛne Yesu adi hen'
A yerenni ntetewmu bio.
So yɛbɛtew mu bio?
Yɛrentetew mu da!
So yɛbɛtew mu bio?
Yɛrentetew mu da;
Na yɛne Yesu adi hen!
A yɛrenni ntetewmu bio.

[V2]

Ͻhɔ na daa nkwa nsuten ne
Nhwiren a entwan wɔ;
Kwan tiaa bi n'ɛda s'ro 'sase n'
Ne fam ha de yi ntam.

[V3]

Sɛ yetum' gyina nea Mose
Gyina hwɛɛ 'sase nō a
Wiase b'ribiara rentumi
Ntwe yɛn sɛ hɔ de no.

449. Ahotɔ 'Sase Bi Wɔ Hɔ

Link copied to clipboard successfully!