Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #424

Hymn 424 Wo, ɔman a Medɔ Wo

[V1]
Wo, ɔman a medɔ wo, M'aniwa hwɛ wokwan;
Mehwɛ wo din kronkron nō a, M'aniwa kyi nusu,
W'anuonyam yɛ sradehuam wɔ me koko mu hɔ;
Ͻyɛ yar' ano ad'ru, ɔdɔ, nkkwa ne 'home.

[V2]

O, ɔs'ro trabea k'ro pɛ! ɔdɛw Paradise!
Nea nusu remma hɔ bio, Na s'rew ahye mu ma;
W'ahoɔfɛ hyɛ nnipa mma Adwen ne koma so,
Na obi rentumi nky'rɛ Sɛnea wote, Sion.

[V3]

'hwehwɛbo wɔ w'afasum', 'Habamm'bo hy'rɛn hɔ;
Bogyanambo, 'kraatebo, Ka bom hy'rɛn wɔ wo mu;
Wo tete fasu nom' wɔ Aboɔden b'redumbo;
'Hotefo bɛto w' fasu, Kristo ne tweatibo.

[V4]

'Sennua no ne w'ahoɔfɛ; Nea wɔsɛn No no ne
W'ayeyi, w'ahotefō a Wɔagye wɔn no nhy'rasɛm;
Tete Botan no so na Wosi w'aban kronkron;
Nkonimdibo ne sika 'Gyapade yɛ wo de.

[V5]

O, ɔman pa a wɔahy'ra, Nyame aponfo fie!
O, ɔman pa a wɔahy'ra, Nea koma p're hwɛ kwan!
Yesu, mmob'rɔhun' mu fa Yɛn bra homebea hɔ,
Wō a Wo ne Agya ne Honhom no wɔ hɔ daa.

424. Wo, ɔman a Medɔ Wo

Link copied to clipboard successfully!