Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #423

Hymn 423 Wɔka Wo Ho Anuonyam Nsɛm

[V1]
Wɔka wo ho anuonyam nsɛm
Yɛn Nyankopɔn kųrow Sion;
Nyame a wommu N'asɛm so,
ɔtoo wo Tete Bo no so,
Dɛn na ɛbɛwosow wo?
Nkwagye fasu twa wo ho hyia
Wobɛserew w'atamfo.

[V2]

Hwɛ nɔkwa nsubɔnten no a
Ͻsen fi daapem dɔ mu;
Yɛn wo mmabanin ne mmabea,
Yi ɔkɔm ho suro hɔ;
Nsu yi rekum wɔn sukɔm yi
Hena n'ɔbɛtɔ beraw?
Yɛn Wura dɛɛfo no dom no
To nso rentwa ara da.

[V3]

Hwɛ sɛ mununkum ne ogya
Kyinkyin trabea biara ho,
Mano 'nuonyam ne nkataho,
De ky'rɛ sɛ 'W'rade abɛn;
Hy'rafo a wɔtete Sion,
Wɔaguar' wɔn Gyefo mogyam;
Yesu a wɔn kra twer' No no,
Yɛ wɔn Nyame asɔfo.

[V4]

Agyenkwa, sɛ Sion kuro no,
Wonam dom so gyem' hɔ a,
Ma wiase nsi me atwetwe,
Menya 'nuonyam Wo din mu;
Wiase anigye, ahantan
Ne akɛsesɛm retwam;
ɔdɛw ne ahyehyɛde pa,
Sion mma nko na wonim.

423. Wɔka Wo Ho Anuonyam Nsɛm

Link copied to clipboard successfully!