Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #418

Hymn 418 A Temmu Da, 'Nwanwade Da!

[V1]
A temmu da, 'nwanwade da!
Muntie t'robɛnto nne no,
Ano yɛ den sen aprannaa;
Ͻwosow abɔde ny'naa!
Sɛnea frɛ no, sɛnea frɛ no
Bɛwosow bɔn'fo koma!

[V2]

Hwɛ, 'W'ra no reba 'nuonyam mu,
Ofura s'ro tumidi;
Wō a wohwɛ N'ahoyi kwan no
Bɛka sɛ \"Nyame wɔ me!\"
'Gyenkwa Dɛɛfo, 'Gyenkwa Dɛɛfo,
Fa me yɛ Wo de da no.

[V3]

Awufo sɔre Ne frɛ so,
Fi 'sase ne pom' ba nkwam'!
Abɔde ny'naa wosow N'anim
P're hwehwɛ sɛ wobeguan;
Bɔneyɛfo, bɔneyɛfo,
Ebewie wo dɛn da no?

[V4]

Na wɔn a wɔkaa wɔn bɔne,
Som 'W'rade fam ha no de,
ɔbɛse wɔn sɛ: \"Mo 'hy'rafo,
Mommɛhwɛ M'ahenni no;
Mubehu daa, mubehu daa,
Me dɔ ne M'anuonyam no\".

418. A Temmu Da, 'Nwanwade Da!

Link copied to clipboard successfully!