Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #417
Hymn 417 O Adwempa, So Ebetum'
[V1]
O adwempa, so ebetum'
Ayɛ seesei atemmu dɔn
A ɛbɛky'rɛ yɛn nkrabea na
Asɔ 'bɔnefo sɛɛ ano?
Yiw, ɛte sa, 'temmu dɔn no
Reba n'awiei ɔhare so;
Na Temmufon' befi tumim
Abɛtɔ n'atamfo so w're.
O adwempa, so ebetum'
Ayɛ seesei atemmu dɔn
A ɛbɛky'rɛ yɛn nkrabea na
Asɔ 'bɔnefo sɛɛ ano?
Yiw, ɛte sa, 'temmu dɔn no
Reba n'awiei ɔhare so;
Na Temmufon' befi tumim
Abɛtɔ n'atamfo so w're.
[V2]
Nea ɔbaa 'sase so bewui,
Sɛ nnipa bɔn' ho 'fɔr'bɔde;
Na afei ɔsan fro kɔɔ s'ro,
Na ɔbɛsan aba bio no,
Gyina 'daka ne dom agua,
Ne Kerubin anim seesei,
DeN' mogya srɛ ma hotefo
De wie wɔn bɔn' ho dwumadi.
Nea ɔbaa 'sase so bewui,
Sɛ nnipa bɔn' ho 'fɔr'bɔde;
Na afei ɔsan fro kɔɔ s'ro,
Na ɔbɛsan aba bio no,
Gyina 'daka ne dom agua,
Ne Kerubin anim seesei,
DeN' mogya srɛ ma hotefo
De wie wɔn bɔn' ho dwumadi.
[V3]
B're kunin no abɛn pa 'ra;
B'rč a yɛn a yɛbɔ Ne din no,
Begyina ankorankoro,
Na yɛadi nim sɔhwɛ no mu;
Yesu! Wone yɛn 'nidaso,
Fa Wo mmɔb'rɔhun' no hwɛ yɛn;
Bɔ yɛn din agua n' anim na
Popa yɛn bɔn' fi Wo nwomam.
B're kunin no abɛn pa 'ra;
B'rč a yɛn a yɛbɔ Ne din no,
Begyina ankorankoro,
Na yɛadi nim sɔhwɛ no mu;
Yesu! Wone yɛn 'nidaso,
Fa Wo mmɔb'rɔhun' no hwɛ yɛn;
Bɔ yɛn din agua n' anim na
Popa yɛn bɔn' fi Wo nwomam.
[V4]
Agyenkwa Hy'rafo, ma yennya
Atenka mma saa b're pa yi;
Fa nsiyɛ kanyan yɛn koma;
Fa Wo Honhom tumi boa yɛn,
Na yɛayɛ den W'ahoɔden mu
Ahyia 'ko no kokod'ru mu;
Na Sion bepɔ no so hɔ,
Yɛato nkonimdi dwom no bi.
Agyenkwa Hy'rafo, ma yennya
Atenka mma saa b're pa yi;
Fa nsiyɛ kanyan yɛn koma;
Fa Wo Honhom tumi boa yɛn,
Na yɛayɛ den W'ahoɔden mu
Ahyia 'ko no kokod'ru mu;
Na Sion bepɔ no so hɔ,
Yɛato nkonimdi dwom no bi.