Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #413

Hymn 413 Nyame Name N'adiyifo So

[V1]
Nyame nam N'adiyifo so
Ada N'asɛm no adi;
Wɔn ny'naa fi mm'resanten ka sɛ
Nyame ne trenee W'ra no.
Wiase basamtu ne haw mun',
Ne sɛkyɛ kura yɛn mu;
Nyame yɛ Hen, N'agua tim hɔ
ɔne mfiase ne awiei.

[V2]

Nyame nam Kristo Yesu so,
ɔba noso akasa;
Okura Agya no 'nuonyam
Ne Agya no yɛ baako.
Asɛmɔaɔɛbɛyɛɛɔnipa,
Tete Kwaframoa Nyame,
Hann pa a ɛbaa 'sase so
Beyii Nyame adi ky'rɛe.

[V3]

Nyame nam Ne Honhom no so
Kasa ky'rɛ nnipa koma;
Tete Asɛm no da Nyame
Nkrasɛm adi sɛ kan no;
Aman sɔre ne asehwem,
Gyidi k'ro no gy'na pintinn;
Nyame yɛ Hen, N'asɛm tim hɔ
ɔne mfiase ne awiei.

413. Nyame Name N'adiyifo So

Link copied to clipboard successfully!