Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #412

Hymn 412 Ne Bra Bɛhoa Me Sen Suky'rɛmma

[V1]
Hwɛ Yesu a Onni bɔne no;
Agya, ma me Ne bra pa no bi.
B're a me bra yɛ sɛ damm'ram yi,
Ne bra bɛhoa me sen suky'rɛmma

**Nnyeso**
Ne bra bɛhoa me sen suky'rɛmma,
Mehu Ne bra a edi mu no;
B're a me bra yɛ sɛ damm'ram yi'
Ne bra bɛhoa me sen suky'rɛmma.

[V2]

Mm'rato ap'rak'ru no yɛ kɛse;
Ayɛ me mu fi; me kra bɔ hu;
Yesu, sɛ Wokata me ho a,
Mm'ra no rentum' mmu me atɛn bio.

[V3]

Mepɛ sɛ menya fafri mu dɛw;
Yesu kura 'tade fitaa bi;
\"'W'rade megye, mepo me de no,
De 'nigye fura Wo bra kronn no\".

[V4]

Ne wu no apata me bɔne,
N'abrabɔ pa no abu me bem,
N'asɛm ho setie atew me ho;
Me W'ra san bá a, ɔbɛhyɛm' 'nuonyam.

412. Ne Bra Bɛhoa Me Sen Suky'rɛmma

Link copied to clipboard successfully!