Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List
Memeneda Akwanhwefo Nnwom #396
Hymn 396 'Wura, Wo Dɔ Afrɛ Yɛn Ha
[V1]
'Wura, Wo dɔ afrɛ yɛn ha;
Sɛnea Wobɔɔ yɛn maa dɔ no,
Yɛda so kura Wo suban;
Ͻwom 'soɔden nti yɛasɛe de,
Yɛde yɛn koma ny'naa aba,
Rebetie Wo anya Wo dɔ.
'Wura, Wo dɔ afrɛ yɛn ha;
Sɛnea Wobɔɔ yɛn maa dɔ no,
Yɛda so kura Wo suban;
Ͻwom 'soɔden nti yɛasɛe de,
Yɛde yɛn koma ny'naa aba,
Rebetie Wo anya Wo dɔ.
[V2]
Yaw a yede aba yɛn so
Wɔ asoɔden ne mfomso mu;
Yɛn mu mpoky'rɛ a akyeky're yɛn,
'Setram' nhyɛsodč a ɛha yɛn,
Nhyehyɛe a ɛfa yɛn nnommum
Yɛaba 'bɛhwehwɛ 'nidaso.
Yaw a yede aba yɛn so
Wɔ asoɔden ne mfomso mu;
Yɛn mu mpoky'rɛ a akyeky're yɛn,
'Setram' nhyɛsodč a ɛha yɛn,
Nhyehyɛe a ɛfa yɛn nnommum
Yɛaba 'bɛhwehwɛ 'nidaso.
[V3]
'Wura, Wofrɛ yɛn Kristo mu,
Wogye yɛn yɛ W'ankasa de
Ͻnyɛ sɛ yɛfata ntira,
Na mmom W'adɔe nkutoo no nti.
Yɛp're hwɛ Wo dom agua no
B're a yɛakoto W'anim no.
'Wura, Wofrɛ yɛn Kristo mu,
Wogye yɛn yɛ W'ankasa de
Ͻnyɛ sɛ yɛfata ntira,
Na mmom W'adɔe nkutoo no nti.
Yɛp're hwɛ Wo dom agua no
B're a yɛakoto W'anim no.
[V4]
Fa mpopaho, bubu bodoo,
Brɛ yɛn ase frɛ yɛn nnamfo.
Som yɛn kosi sɛ yɛbɛmee.
Na ky'rɛ sɛnea dɔ hwehwɛ sɛ
Ͻbɛyɛ 'dwuma ma 'bɔde
De dwonto ahyɛ wiase ma.
Fa mpopaho, bubu bodoo,
Brɛ yɛn ase frɛ yɛn nnamfo.
Som yɛn kosi sɛ yɛbɛmee.
Na ky'rɛ sɛnea dɔ hwehwɛ sɛ
Ͻbɛyɛ 'dwuma ma 'bɔde
De dwonto ahyɛ wiase ma.
[V5]
'Wura, Woyɛ yɛn adehye
Kristom' sɛ yɛbɛbɔ Wo bra.
Ma yɛn Wo Honhom 'hofadi
Ma yɛnnan mfi afodi mu,
Mfa gyidi nyɛ nea yebetum'
B'rč a 'dɔ yɛ nneɛma ny'naa fof'ro.
'Wura, Woyɛ yɛn adehye
Kristom' sɛ yɛbɛbɔ Wo bra.
Ma yɛn Wo Honhom 'hofadi
Ma yɛnnan mfi afodi mu,
Mfa gyidi nyɛ nea yebetum'
B'rč a 'dɔ yɛ nneɛma ny'naa fof'ro.