Back to Memeneda Akwanhwefo Nnwom List Memeneda Akwanhwefo Nnwom #395

Hymn 395 Sɛnea Nnomaa Guan Awɔ Ne Wim a

[V1]
Sɛnea nnomaa guan awɔ ne wim a
Ayɛ tumm kɔ wɔn ahotɔ fie no,
Sa'ra na me kra hwehwɛ W'anim dom,
Nya ɔhome ne asomdwoe Wo mu.

[V2]

Yegyaw yɛn haw mu ko ny'naa W'asɔr'fie,
Yɛnkae huammmɔdi, nusu, ne yaw bio,
Yɛnam 'nidaso nnwom ne mpaebɔ mu
Na yɛsɔre te Wo Honhom no nka.

[V3]

Hy'ra wɔn a 'nadwo yi wɔwɔ yaw mu;
Wɔn a wɔso nnesoa, wɔatɔ beraw
Ma W'aw'rɛkyekye nka w'rɛhowdifo,
Na boa wɔn a 'hiade hyɛ wɔn so no.

[V4]

Homeda dɛw, bɛhyɛ koma ny'naa ma;
Na ma asomdwoe pa ntra yɛn afim;
Ma 'yeyi nnwom nhyɛ koma biara ma
Na wɔmfa wɔn ho nhyɛ Nyame dɔ mu.

395. Sɛnea Nnomaa Guan Awɔ Ne Wim a

Link copied to clipboard successfully!